Psalms 147

Onyankopɔn Tumfoɔ nkamfo

1Kamfo Awurade.

Eye sɛ wɔto ayeyi dwom de kamfo Onyankopɔn; eye na ɛfata sɛ wɔkamfo no.
2 Awurade resesɛw Yerusalem.
Ɔde wɔn a wotu fii hɔ no resan aba.
3Ɔsa wɔn a wɔn koma atu yare na ɔkyekyere wɔn akuru.
4Wadwen nsoromma dodow ne din a ɔde bɛma wɔn mu biara no ho dedaw.
5Yɛn Awurade so na ɔyɛ ɔkɛse; obi nte ne nyansa ase.
6Ɔma ahobrɛasefo so na obubu amumɔyɛfo gu fam.
7Monto ayeyi nnwom mma Awurade.
Mommɔ nnwom wɔ sanku so mma Onyankopɔn.
8Ɔma omununkum trɛw ɔsoro ani; ɔma asase osu.
Ɔma sare nyin mmepɔw so.
9Ɔma mmoa aduan na sɛ kwaakwaadabi mma su frɛ no a, ɔma wɔn aduan di.
10Nʼanikade nni apɔnkɔ a wɔn ho yɛ den ne asraafo akokodurufo mu.
11Na mmom, nʼani gye wɔn a wodi no ni ne wɔn a wɔde wɔn ho to ne dɔ a ɛwɔ hɔ daa no so no ho.
12Kamfo Awurade,
O Yerusalem!
Kamfo wo Nyankopɔn, O Sion!
13Ɔma wʼapon mu yɛ den; ohyira mo nkurɔfo.
14Ɔkora mo ahye so na ɔma mo awi pa.
15Ɔkasa kyerɛ asase.
Na nea ɔka biara, wɔyɛ no ntɛm so.
16Ɔtɔ sukyerɛmma sɛ nnaso, na ɔtrɛw obosu nsukyenee mu sɛ mfutuma.
17Ɔtɔ asukɔtweaa sɛ mmosea.
Obi ntumi nnyina awɔw a ɔde ba ano!
18Na afei, ɔkasa ma sukyerɛmma no nan.
Ɔbɔ mframa ma nsu teɛ.
19Ɔkasa kyerɛ ne nkurɔfo.
Ɔhyɛ mmara ma Israel.
20Ɔnyɛɛ eyi mmaa aman foforo biara.
Wonnim ne mmara.

Kamfo Awurade!
Copyright information for TwiNAK